Psalms 99


1 Awurade di hene,
momma amanaman no ho mpopo;
ɔte nʼahengua so wɔ kerubim ntam,
ma asase nwosow.

2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ ɔkɛse;
wɔama no so wɔ amanaman nyinaa mu.

3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwonwa no,
ɔyɛ ɔkronkron.


4 Ɔhene no yɛ ɔkɛse, ɔdɔ atɛntrenee,
woama pɛpɛyɛ atim;
wayɛ nea eye na ɛteɛ
wɔ Yakob mu.

5 Momma Awurade, yɛn Nyankopɔn so
na monsɔre no wɔ ne nan ntiaso anim;
ɔyɛ ɔkronkron.


6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfo no ho,
na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;
wɔfrɛɛ Awurade,
na ogyee wɔn so.

7 Ofi omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn;
wodii mmara ne ahyɛde a ɔmaa wɔn no so.


8 Awurade, yɛn Nyankopɔn,
wugyee wɔn so;
woyɛɛ bɔnefakyɛ Nyankopɔn maa Israel,
nanso wotwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.

9 Momma Awurade yɛn Nyankopɔn so
na monsɔre no wɔ ne bepɔw kronkron no so,
na Awurade yɛn Nyankopɔn yɛ ɔkronkron.
Copyright information for TwiAKNA